Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #139

Hymn 139 A Nadwo Bi a Nguanhwɛfo

[V1]
Anadwo bi a nguanhwɛfo
Te hɔ rewɛn wɔn nguan;
Aw'rade bɔfo fi s'ro bae,
Na hann hy'rɛn hɔ nyinaa.

[V2]

Ehua kɛse kaa wɔn enti
ɔsee wɔn sɛ: 'Munnsųro!
Mede 'nigye kɛse nsɛmpa
Brɛ mo ne amansan'.

[V3]

'Wɔawo Dawid aseni nnɛ
Ama mo Dawid k'rom,
'Gyenkwa a ɔne Kristo no,
Ͻho nsɛnky'rɛnne ni:

[V4]

'Mubehu s'ro Akokoaa no
Sɛ Wabɛfra nnipam';
Wɔde ntama akyeky're No
Da mmoa 'didide mu'.

[V5]

'Bɔfo no asɛm ni; mpof'rim
S'ro asafo pii bae,
Beyii s'ro Nyankopɔn ayɛ
Na wɔtoo dwom kae sɛ:

[V6]

'Anuonyam nka Nyame wɔ s'ro,
'Somdwoe wɔ 'sase so;
Anisɔ fi s'ro ba nnipam'
Fi nnɛ kosi daa daa'.

139. A Nadwo Bi a Nguanhwɛfo

Link copied to clipboard successfully!