Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #145

Hymn 145 Aseda Ne Nkamfo Nnwom

[V1]
Aseda ne nkamfo nnwom
Na yɛde maW', W'ra Yesu;
Nsoromma yii W'awo ky'rɛɛ
'Nyansafo wɔ aky'riky'ri;
Woyɛ Dawid aseni
A wɔwoo Wo Betlehem;
Yɛto nnwom nyinaaa ma Wo,
Nyame a Woadan nipa.

[V2]

Woyii Wo ky'rɛɛ Yordan mu,
D'yifo, Sɔfo, Hen' kɛse;
Kana 'yefor'hyia ase,
Wo Nyameyɛ daa adi.
Wo soro tumi mu no,
Womaa nsu no danee nsa;
Yɛto nnwom nyinaa ma Wo,
Nyame a Woadan nipa.

[V3]

Wuyii Wo tumi adi
Maa mmubuafo sɔr' nantee;
Wode tumi kɛse koe
Dii ɔbonsam so nkonim;
Wonam Wo dom kɛse so
Maa mmusu danne nhvira;
Yɛto nnwom nyinaa ma Wo,
Nyame a Wodan nipa.

[V4]

Dom yɛn ma yenhu Wo, W'ra,
Wɔ W'Asɛm kronkron no mu;
Ma yensua nhu Wo kwan no,
Na yɛn ho ntew nyɛ kronkron,
Na yɛatumi asom Wo
Sɛ 'nyansafo baasa no;
Ma yenyi Wo ayɛ daa,
Nyame a Woadan nipa.

145. Aseda Ne Nkamfo Nnwom

Link copied to clipboard successfully!