Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #130

Hymn 130 'Nadwo Bi a Wim Atew No

[V1]
Nadwo bi a wim atew no,
Saa anuonyam dwom no,
S'ro abɔfo baa fam de wɔn
Sika sanku toe sɛ:
Asomdwoe nka 'sase sofo,
Mfi s'ro Hen' dɛɛfo n' hɔ,
Na wiase nyinaa ayɛ komm
Retie 'bɔfo dwom no.

[V2]

Wofi s'ro a 'mu abue bac,
De asomdwoe faa wim;
Wɔn s'ro dwom no kɔɔ so trɛw kɔɔ
Wiase mu baabiara.
Wɔtrɛw wɔn ntaban mu tu faa
Asaseta no so;
Na nne sakasaka mu no,
Abɔfo no too dwom.

[V3]

Mo a ɔbra nnesoa d'rud'ru
Ahyɛ mo so kɛse,
Na moabrɛ nam ɔbra kwan so
Retu yaw 'nammɔn yi;
Monhwɛ, anigye mmere pa
Nam wim reba ntɛm so;
O monhome wɔ kwan no mu
Ntie abɔfo dwom no.

130. 'Nadwo Bi a Wim Atew No

Link copied to clipboard successfully!