Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #560
Hymn 560 Ma Ateasefo Nyinaa Nta Aseda Dwom
[V1]
Ma ateasefo nyinaa nto aseda dwom,
Mma ɔbɔadeɛ Nyame wɔ nkonimdi mu;
ɔno a ɔbɔɔ yɛn, na ɔbɔ yɛn ho ban,
Nea ɔgyɛ yɛn taataa kɔ yɛn brɛa awiei,
Ne frankaa bua yɛn so, Ne hann di yɛn anim
Sɛ ogya dum a ɛhyerɛn anadwo;
Kosi sɛ sunsuma bɛy'rɛ, na sum betwam
B'rč a yetu yɛn kwan fi hann mu kɔ hann mu.
Ma ateasefo nyinaa nto aseda dwom,
Mma ɔbɔadeɛ Nyame wɔ nkonimdi mu;
ɔno a ɔbɔɔ yɛn, na ɔbɔ yɛn ho ban,
Nea ɔgyɛ yɛn taataa kɔ yɛn brɛa awiei,
Ne frankaa bua yɛn so, Ne hann di yɛn anim
Sɛ ogya dum a ɛhyerɛn anadwo;
Kosi sɛ sunsuma bɛy'rɛ, na sum betwam
B'rč a yetu yɛn kwan fi hann mu kɔ hann mu.
[V2]
Ne mm'ra yɛ adwuma: ns'romma nam n'akwan so,
Owia de setie hyerɛn fa ne kwan so;
Nɔkoko ne mmepɔ, nsuten ne nsuwa ne
Po bun nyinaa paem ka sɛ ɔyɛ kronkron,
Ͻsɛ sɛ yɛn nso yɛkyerɛ yɛn dɔ ne dɛw,
Na Yɛde anigye ne nkamfo to dwom,
Kosi sɛ ateasefo nyinaa bebom ato
Hosana ne 'yeyi ama s'ro Nyame.
Ne mm'ra yɛ adwuma: ns'romma nam n'akwan so,
Owia de setie hyerɛn fa ne kwan so;
Nɔkoko ne mmepɔ, nsuten ne nsuwa ne
Po bun nyinaa paem ka sɛ ɔyɛ kronkron,
Ͻsɛ sɛ yɛn nso yɛkyerɛ yɛn dɔ ne dɛw,
Na Yɛde anigye ne nkamfo to dwom,
Kosi sɛ ateasefo nyinaa bebom ato
Hosana ne 'yeyi ama s'ro Nyame.