Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #561
Hymn 561 Yɛdɔw Afuw Na Yegu
[V1]
Yɛdɔw afuw na yegu aba pa nso wɔ so;
Nanso Nyame nsa kɛse na egugu so nsu;
ɔtɔ suky'rɛmmá awɔw b're, ne hyew de mā aba fi
ɔma mframa ne awia ne nsu a edwudwo.
**Nnyeso**
Nnepa a yɛwɔ ny'naa
Yenya fi ɔsoro;
O, monna Aw'rade ase
Ne dɔ ny'naa ho.

[V2]
ɔno nko ne ɔyɛfo ma ade ny'naa ara;
Osiesie kwankyɛn nhwiren ma nwumm're ns'romma hy'rɛn,
Ͻpo ne mframa tie No, ɔma nnomaa aduan',
Yɛn a yɛyɛ Ne mma yi, ɔma yɛn daa aduan.
ɔno nko ne ɔyɛfo ma ade ny'naa ara;
Osiesie kwankyɛn nhwiren ma nwumm're ns'romma hy'rɛn,
Ͻpo ne mframa tie No, ɔma nnomaa aduan',
Yɛn a yɛyɛ Ne mma yi, ɔma yɛn daa aduan.
[V3]
O, Agya, yɛda W'ase, Wɔ nneɛma pa ny'naa ho;
Ogu b're ne otwa b're, Yɛn nkwa ne yɛn aduan';
Gye nea yɛde remaW' yi wo dɔ akyɛde nti;
Na nea Wohwehwɛ tit'riw, Yɛn aseda koma.
O, Agya, yɛda W'ase, Wɔ nneɛma pa ny'naa ho;
Ogu b're ne otwa b're, Yɛn nkwa ne yɛn aduan';
Gye nea yɛde remaW' yi wo dɔ akyɛde nti;
Na nea Wohwehwɛ tit'riw, Yɛn aseda koma.