Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #559

Hymn 559 Yɛde Yɛn Koma, Nsa

[V1]
Yɛde yɛn koma, nsa Ne nne da Nyame ase,
Wayɛ anwanwade, Wiase di 'h'rusi Ne mu.
Efi yɛn nanom nsam Na ɔde akyɛde
Ahy'ra yɛn, yɛn kwan so N'ɔda so yɛ yɛn de.

[V2]

'Yamyefo Nyankopɔn ɔnka yɛn ho daa nyinaa;
ɔmfa ahotɔ kronn Ne dɛw nhyɛ yɛ komam' daa;
ɔnkōra yɛn Ne dom mu Onnyaw yɛn 'hohia mu;
Onyi yɛn mfi mmusum', Seesei ne daa nyinaa.

[V3]

Nkamfo ne aseda Nɔka Agya Nyankopɔn
ɔba ne Nea ɔne Wɔn bom di hene s'ro no.
Daa Nyankopɔn k'ro a 'Sase ne s'ro som No;
Kan no na ɛte saa Na ɛbɛyɛ saa daa.

559. Yɛde Yɛn Koma, Nsa

Link copied to clipboard successfully!