Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #6
Hymn 6 O Monsom Aw'rade 'Hokeka
[V1]
O Monson Aw'rade 'hokeka
kronkron mu,
Monkoto N'anim,
monka N'ayeyi
Wɔ setie fɛfɛ ne
'hobrɛase huanhuam mu.
Koto N', yi N'ayɛ,
Ne din ne 'W'rade.
O Monson Aw'rade 'hokeka
kronkron mu,
Monkoto N'anim,
monka N'ayeyi
Wɔ setie fɛfɛ ne
'hobrɛase huanhuam mu.
Koto N', yi N'ayɛ,
Ne din ne 'W'rade.
[V2]
Fa w'adesoa ne dadwen gu
Ne nan ase,
ɔbɛsoa ne ny'naa
wɔ Ne koma so;
ɔbɛkyekye wo werɛ
atie wo mpaebɔ,
Ahwɛ w'anammɔn
de asi neā eye.
Fa w'adesoa ne dadwen gu
Ne nan ase,
ɔbɛsoa ne ny'naa
wɔ Ne koma so;
ɔbɛkyekye wo werɛ
atie wo mpaebɔ,
Ahwɛ w'anammɔn
de asi neā eye.
[V3]
Nsuro, fa w'ade
ketewa ne w'ahonya,
Sɛ ɛte biara,
bra N'abangua so
Nokwar' a ɛsɔ ani
ne 'hobrɛase dɔɔ
'Yinom sɛɛ na
fa bɔ No afɔre.
Nsuro, fa w'ade
ketewa ne w'ahonya,
Sɛ ɛte biara,
bra N'abangua so
Nokwar' a ɛsɔ ani
ne 'hobrɛase dɔɔ
'Yinom sɛɛ na
fa bɔ No afɔre.
[V4]
Sɛ mpo yɛde ba
'hopopo ne sųro mu a
ɔbɛgye wɔ Ne din
a ɛsom bo m'
Anɔpa 'nigye wie
anwumm're nusu mu
'Hopopo ne sųro
wie 'nidaso mu.
Sɛ mpo yɛde ba
'hopopo ne sųro mu a
ɔbɛgye wɔ Ne din
a ɛsom bo m'
Anɔpa 'nigye wie
anwumm're nusu mu
'Hopopo ne sųro
wie 'nidaso mu.