Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #539

Hymn 539 Mɛhwehwɛ 'Gyenkwa Mmabun B'rem'

[V1]
Mɛhwehwɛ 'Gyenkwa mmabun b'rem',
Mesua Ne ho asɛm daa;
Medi N'anammɔn no akyi
Mɛfa kwan hihiaa no so.

**Nnyeso**
'Fisɛ ɔdɔ me, ɔdɔ me,
Yesu dɔ me, minim 'yi:
Yesu dɔ me, Owu gyee me,
Enti na medɔ No saa.

[V2]

Mɛkɔ Ne soma biara ntɛm,
Minsua dodo sɛ mɛkɔ;
Kwan a Odi m'anim kɔ no,
Minsua sɛ mehu Ne pɛ.

[V3]

Ogyina ɔpon no ano
Nea wɔfa guan fi bɔnem';
Ne bɔhyɛ nti mɛbɔ pon nom',
ɔbɛte na Wabue me.

539. Mɛhwehwɛ 'Gyenkwa Mmabun B'rem'

Link copied to clipboard successfully!