Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #45

Hymn 45 Bue W'apon Fɛfɛ No Seesei

[V1]
Bue w'apon fɛfɛ no seesei,
Siɔon, ma menhyɛn' mu hɔ,
Nea me kra fi anigye mu
Twɛn mpaebɔ tiefo Nyame.
O, sɛnea wɔahyira ha,
'Somdwoe, hann ne dom wɔ ha!

[V2]

Domfo Nyame meba W'anim,
Wo nso sian bra me nkyɛn ha;
Faakō a yehu Wo, som Wo no,
Yɛte soro nka wɔ hɔ.
Bra bɛtra me koma mu,
Ma ɛnyɛ Wo fie seesei.

[V3]

Woyi W'ayɛ 'nigyem wɔ ha,
Wogu W'aba no wɔ ha;
Ma faakō a wɔatim me kra no
Ͻnso abapa nkutoo.
Na nea mete biara no,
Aso nkwa aba me mu.

[V4]

Nyan me gyidi yɛ no kɛse
Ma menkōra Wo s'ro 'kyɛden';
Sɛ sɔhwɛ ky're me so dɛn a,
Ma W'asɛm no nhy'rɛn me so,
Sɛ me ns'romma kwanky'rɛfo,
Ne haw mu w'rɛkyekyefo.

[V5]

'W'ra kasa, na mɛte Wo nne;
Ma Wo pɛ nyɛ hɔ ampa;
Na ma mintwiw mmɛn Wo koraa
B're a Woyɛn Wo nk'rɔfo;
Nkwa asuti sen wɔ ha,
Yɛn haw 'no ad'ru wɔ ha.

45. Bue W'apon Fɛfɛ No Seesei

Link copied to clipboard successfully!