Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #522
Hymn 522 M'anidaso Nsi Hwee So Sɛ
[V1]
M'anidaso nsi hwee so sɛ
Yesu mogya ne Ne trenee;
Mintumi ntwer' dɔfo fof'ro,
Metwere Yesu din nkutoo.
**Nnyeso**
Migyina Botan Kristo so,
Fam baabiara yɛ anwea nko;
Fam baabiara yɛ anwea nko.
M'anidaso nsi hwee so sɛ
Yesu mogya ne Ne trenee;
Mintumi ntwer' dɔfo fof'ro,
Metwere Yesu din nkutoo.
**Nnyeso**
Migyina Botan Kristo so,
Fam baabiara yɛ anwea nko;
Fam baabiara yɛ anwea nko.
[V2]
Sɛ sum mpo kata N'anim a,
Ne daa dom mu na mehome;
Ahum biarā a ɛbɛbɔ no,
Mesɔ Ne nkatanim mu den.
Sɛ sum mpo kata N'anim a,
Ne daa dom mu na mehome;
Ahum biarā a ɛbɛbɔ no,
Mesɔ Ne nkatanim mu den.
[V3]
Ne ntam, N'apam ne Ne mogya
Sɔ me mu nsuyiri biaram';
Sɛ m'apamfo gu gyaw me krā a
ɔne m'anidaso nyinaa.
Ne ntam, N'apam ne Ne mogya
Sɔ me mu nsuyiri biaram';
Sɛ m'apamfo gu gyaw me krā a
ɔne m'anidaso nyinaa.
[V4]
ɔde t'robɛnto nne sian bā a,
Ao, ma wonhu me wɔ Ne mu
Sɛ mifura Ne trenee nko
Gyina 'hengua no anim hɔ.
ɔde t'robɛnto nne sian bā a,
Ao, ma wonhu me wɔ Ne mu
Sɛ mifura Ne trenee nko
Gyina 'hengua no anim hɔ.