Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #521

Hymn 521 Mmɔb'rɔhun' Bun' Kɛse No!

[V1]
Mmɔbrɔhun' bun' kɛse no!
So ebi wɔ hɔ ma me?
Nyame abufuw begyaw
Me nnebɔn' yɛfo hen' yi?

[V2]

Mayɛ Ne dom ho 'soɔden
Ahyɛ No 'bufuw akyɛ;
Mantie Ne frɛ horow no,
Mahyɛ N' 'wrɛhow asehwɛm'.

[V3]

Seesei boa ma mensakra,
Na minsu me bɔne ho;
Ma mempow matuatew na
Minnye nni, nnyae bɔne yɛ.

[V4]

'Gyenkwa no gyina hɔ mam',
ɔky'rɛ N'atwa, trɛw Ne nsam.
Nyame yɛ dɔ! Minim sa;
Yesu su, ɔdɔm' ara.

521. Mmɔb'rɔhun' Bun' Kɛse No!

Link copied to clipboard successfully!