Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #509
Hymn 509 Aw'rade 'Hotefo
[V1]
Aw'rade 'hotefo, monhwɛ fapem a
Wɔato ama mo gyidi, N'asɛm no mu;
Asɛm bɛn ara na ɔnka nky'rɛ mo bio,
Mo a moaguan akohinta Yesu mu?
Aw'rade 'hotefo, monhwɛ fapem a
Wɔato ama mo gyidi, N'asɛm no mu;
Asɛm bɛn ara na ɔnka nky'rɛ mo bio,
Mo a moaguan akohinta Yesu mu?
[V2]
\"Nsuro Me ne W'wɔ hɔ, mma wo koma ntu,
Mene wo Nyankopɔn, na Maboa wo nso;
Mɛhyɛ wo den aboa wo 'ma woagyina,
Me trenee nsa dennen no bɛsɔ wo mu.\"
\"Nsuro Me ne W'wɔ hɔ, mma wo koma ntu,
Mene wo Nyankopɔn, na Maboa wo nso;
Mɛhyɛ wo den aboa wo 'ma woagyina,
Me trenee nsa dennen no bɛsɔ wo mu.\"
[V3]
\"Sɛ Mesoma wo sɛ fa nsubun mu a,
'W'rɛhow nsubɔnten renyiri mfa wo so,
'Fisɛ Mɛka wo ho ahy'ra wo haw no,
Na Mate w'amanehun' kɛse no ho\".
\"Sɛ Mesoma wo sɛ fa nsubun mu a,
'W'rɛhow nsubɔnten renyiri mfa wo so,
'Fisɛ Mɛka wo ho ahy'ra wo haw no,
Na Mate w'amanehun' kɛse no ho\".
[V4]
\"Sɛ w'akwan no dan ogya sɔhwɛ mu a
Wubenya Me dom a ɛboro so no;
Ogyaframa renhye wo; Mahyehyɛ sɛ,
Ͻnhye wo ho fi nte wo sika pa ho.\"
\"Sɛ w'akwan no dan ogya sɔhwɛ mu a
Wubenya Me dom a ɛboro so no;
Ogyaframa renhye wo; Mahyehyɛ sɛ,
Ͻnhye wo ho fi nte wo sika pa ho.\"
[V5]
\"ɔkra a ɔtwer' Yesu no nya home,
Merennyae ne mu mma N'atamfo no da;
Mmom ɔhaw kɛse bɛwoso ne kra de
Nanso merennyae no da biɔara da.\"
\"ɔkra a ɔtwer' Yesu no nya home,
Merennyae ne mu mma N'atamfo no da;
Mmom ɔhaw kɛse bɛwoso ne kra de
Nanso merennyae no da biɔara da.\"