Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #510
Hymn 510 Sɛ Woma Nyame Kyerɛ Wo Kwan
[V1]
Sɛ woma Nyame kyerɛ wo kwan
Na wode wo w'rɛ hyɛ Ne mų a,
ɔbɛtra wo nkyɛn b're biara mu
Amaw 'nidaso ne hoɔden;
'Fisɛ wɔn a wɔtwer' Nyame
Dɔ no, si wɔn dan botan so.
Sɛ woma Nyame kyerɛ wo kwan
Na wode wo w'rɛ hyɛ Ne mų a,
ɔbɛtra wo nkyɛn b're biara mu
Amaw 'nidaso ne hoɔden;
'Fisɛ wɔn a wɔtwer' Nyame
Dɔ no, si wɔn dan botan so.
[V2]
Mfaso bɛn na ɛwɔ nusu ne
'Bufuw ne basamtu hun' mu?
Sɛ wowɔ Ne banbɔ no mu a,
ɔrennɔ wo 'w'rɛhow b're mu?
Nea ɔfaa 'sɛnnua maa wo no
De w' bɛfa dehw're biaram' dwoo.
Mfaso bɛn na ɛwɔ nusu ne
'Bufuw ne basamtu hun' mu?
Sɛ wowɔ Ne banbɔ no mu a,
ɔrennɔ wo 'w'rɛhow b're mu?
Nea ɔfaa 'sɛnnua maa wo no
De w' bɛfa dehw're biaram' dwoo.
[V3]
Twɛn Ne mmere wɔ boasetɔ mu,
Fa 'nidaso ne koma pa
Gye neɛ w'Agya fi Ne pɛ ne Ne
Dɔ mu de ma wo biara no;
Nea ɔpaw wo yɛɛ Ne de no,
Nim wo komam ahiade ny'naa.
Twɛn Ne mmere wɔ boasetɔ mu,
Fa 'nidaso ne koma pa
Gye neɛ w'Agya fi Ne pɛ ne Ne
Dɔ mu de ma wo biara no;
Nea ɔpaw wo yɛɛ Ne de no,
Nim wo komam ahiade ny'naa.
[V4]
To dwom, bɔ mpae, na hwɛ N'akwan yie,
Di nokware wɔ wo som mu;
Twer' N'asɛm, ewom womfata de
Wubehu sɛ ɛyɛ nokwar'
Nyame rempo ɔkra biará a
ɔtwer' No nokware mu no.
To dwom, bɔ mpae, na hwɛ N'akwan yie,
Di nokware wɔ wo som mu;
Twer' N'asɛm, ewom womfata de
Wubehu sɛ ɛyɛ nokwar'
Nyame rempo ɔkra biará a
ɔtwer' No nokware mu no.