Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #489

Hymn 489 Yesu, Me Kra Dɔfo Pa

[V1]
Yesu, me kra dɔfo pa,
Ma memmra Wo koko mu;
B're a 'sorɔkye rebɔ,
Na ahum nso retu yi,
O, m'Agyenkwa fa me sie,
Kosi sɛ 'bra 'hum betwam;
Di m'anim kɔ hintabea,
Na gye me kra awiei no.

[V2]

Minni guankɔbea biara,
Me kra mmɔb'rɔni dan Wo;
Ao, nnyaw me nko ara da,
So me mu kyekye me w'rɛ,
M'anidaso nyinaa ne Wo,
Me mmoa nyinaa fi Wo hɔ,
Fa Wo ntaban kɛse no
Bra bɛkata me so daa.

[V3]

Kristo, Wone m'ade ny'naa,
M'ahiade ny'naa fi Wo mu;
Ma wɔn a wɔahwč ase so,
Ky'rɛ anifuraefo kwan.
Wo din tene, yɛ kronkron,
Me ho agu fi koraa;
Mensɛ, bɔn' ahyɛ me ma,
Nokwar' ne dom ahyɛW' ma.

[V4]

Wo mu na ɔdom pii wɔ,
Nea ɛma me bɔn' faf'ri;
Ma yaresa nsu nsen pii,
Sɔ me mu na tew me ho;
Wone yɛn nkwa nsuti no,
Ma mennom nsu no bi kwa
Ma ɛnsen wɔ me komam',
Kosi mm'resanten ny'naa mu.

489. Yesu, Me Kra Dɔfo Pa

Link copied to clipboard successfully!