Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #488
Hymn 488 Midii Kan Mesrɛɛ Hann
[V1]
Midii kan mesrɛɛ hann,
Sɛnea mehu kwan no;
Mede 'nigye ne 'hoɔhare
Kɔɔ daa 'dekyee no ho.
Midii kan mesrɛɛ hann,
Sɛnea mehu kwan no;
Mede 'nigye ne 'hoɔhare
Kɔɔ daa 'dekyee no ho.
[V2]
Afei mesrɛɛ 'hoɔden,
Sɛnea mede nan a
Ase tim bɛfa kwan no mu,
Akɔfa s'ro fie no.
Afei mesrɛɛ 'hoɔden,
Sɛnea mede nan a
Ase tim bɛfa kwan no mu,
Akɔfa s'ro fie no.
[V3]
Afei mesrɛɛ gyidi,
Na matwer' me Nyame;
Na matra N'asomdwoe no mu
Atamfo ny'naa naim.
Afei mesrɛɛ gyidi,
Na matwer' me Nyame;
Na matra N'asomdwoe no mu
Atamfo ny'naa naim.
[V4]
Seesei mesrɛ ɔdɔ;
Nyame, nipa ho dɔ;
ɔdɔ a enni huammɔ da,
Wɔ Ne nhyehyɛe biaram'.
Seesei mesrɛ ɔdɔ;
Nyame, nipa ho dɔ;
ɔdɔ a enni huammɔ da,
Wɔ Ne nhyehyɛe biaram'.
[V5]
Hann, 'hoɔden ne gyidi
Apue wɔ baabiara;
Nyame twɛnee boasetɔ mu
Kosii mpaebɔn' awiei.
Hann, 'hoɔden ne gyidi
Apue wɔ baabiara;
Nyame twɛnee boasetɔ mu
Kosii mpaebɔn' awiei.