Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #578

Hymn 578 Mesoma Mo ɔɔdom Mma Munni Nkonim

[V1]
Mesoma moɔɔdom mma munni nkonim
Wɔ sum, asaman, bɔne ne wu so,
Munkųra Me din, na ama moadi nkonim
Mesoma mo, munni nkonim mma Me.

[V2]

Mesoma mo ɔ momfa nokwar asɛm no
Nkɔma akra a wɔwɔ nkoasom mu;
Monsɛe bɔne nhama ne owu mpoky'rɛ,
Mesoma mo momfa 'yerafo mmra.

[V3]

Mosoma mo ɔ mubehu M'adoɔden wɔ
Mmerɛwyem', M'anigyɛ wɔ aw'rɛhow m',
De ahu Me, tumi, Me dom, M'ahoyi;
Mesoma mo ɔ munkotwa aba no.

[V4]

Mesoma mo ɔ monsoa 'sɛnnuan' boasetɔm',
Na da bi mode ato hɔ 'nigyem'
Ate Me nne sɛ, mo! nkoa pa nokwafo
Mummenya kyɛfa M'ahenni no mu
Mesoma mo sɛnea Agya soma Me.

578. Mesoma Mo ɔɔdom Mma Munni Nkonim

Link copied to clipboard successfully!