Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #391

Hymn 391 A Kwaaba, ɔhome Da

[V1]
Akwaaba, ɔhome da,
Wɔde kyɛɛ adasa kwa;
Megyew' ɔdwo koma yim'
Sɛ hann a efi s'ro hy'rɛn.

[V2]

ɔdɛw ne ɔhome da,
Wo mmere resen brɛoo yi;
Dwudwo yɛn haw ne mmusu,
Kosi sɛ yɛn b'rɛ bɛsa.

[V3]

Da Kronkron, wo bo yɛ den,
Ayeyi ne mpaebɔ da;
Dá a ɛky'rɛ nkwasea nyansa,
Wo nhy'ra dɔɔso dɛn ara!

[V4]

Akwaaba, ɔhome da,
ɔs'ro tumi kawo ho;
Nhyira nka wo mm're kronkron,
Mma me komá a ɛretwɛn.

391. A Kwaaba, ɔhome Da

Link copied to clipboard successfully!