Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #382

Hymn 382 Anigye Ne Homeda

[V1]
Anigye ne homeda,
O, ɔde ne hann da;
Aw'rɛhow ano ad'ru,
Da a emu hyerɛn.
Wo mu na nnipa nyinaa
Koto 'henguan' anim,
To kronkron, kronkron, kronkron,
Ma Tete Kwaframmoa.

[V2]

Woyɛ beá a wɔabɔ ho ban,
Ahum a etu mu;
Turo a Paradise,
Nɔsubɔnten sen hɔ;
Woyɛ nsunwini nsuti,
ɔbra anwea yi so;
Yefi Wo mu, sɛ Pisga,
Hwɛ bɔhyɛ 'sase no.

[V3]

Dá a yenya mu nsusui pa,
Woyɛ ɔdɔ da pa;
Da a yɛma yɛn dɔ so
Fi ha dwen soro hɔ;
Yenya dom foforo daa,
Yɛn homeda yi mu
Yɛhwehwɛ homč a aka
Fi soro trabea hɔ.

382. Anigye Ne Homeda

Link copied to clipboard successfully!