Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #373

Hymn 373 Kɔhwehwɛ Wɔn Yiw

[V1]
Kɔhwehwɛ wɔn, yiw, wɔn a wɔayera,
Wɔn a wɔafom kwan mmepɔ so no;
\"Mommra Me nkyɛn\"; eyi ne Ne nkrasɛm,
Ka Owura no nsɛmpa yi nnɛ.

**Nnyeso**
Kɔ aky'rik'ri mmepɔ atifi
Fa akwantofo san bra fie.
Fa wɔn bra me Gyefo no nguankuwm'
Guammaá a wɔkum No maa bɔne.

[V2]

Kɔhwehwɛ wɔn, na kyerɛ wɔn Yesu,
Mm'rɛwyɛfo ne komam yawdifo;
Di wɔn anim kɔ nkwagye akwan so,
Na kyerɛ wɔn kwan kɔ daa nkwa mu.

[V3]

Saa na mɛkɔ mmɔb'rɔhunu soma,
B're a midi Kristo akyi daa,
Rekyekye abrɛfo w'rɛ ma wɔn so,
Ky'rɛ 'kwantofo kwan kɔ Yesu nkyɛn.

373. Kɔhwehwɛ Wɔn Yiw

Link copied to clipboard successfully!