Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #372
Hymn 372 Wɔn Nan Ase Yɛ Fɛ
[V1]
Wɔn nan ase yɛ fɛ,
Wɔn a wogy'na Sion
Bepɔ so ka nkwagye 'sɛmpa
Yi asomdwoe ky'rɛ no.
Wɔn nan ase yɛ fɛ,
Wɔn a wogy'na Sion
Bepɔ so ka nkwagye 'sɛmpa
Yi asomdwoe ky'rɛ no.
[V2]
Sɛnea wɔn nne yɛ dɛ,
Na nsɛm no nso yɛ dɛ;
Sion, hwɛ wo Hen' 'Gyenkwa no,
Odi hen nkonim mu.
Sɛnea wɔn nne yɛ dɛ,
Na nsɛm no nso yɛ dɛ;
Sion, hwɛ wo Hen' 'Gyenkwa no,
Odi hen nkonim mu.
[V3]
'Nigye hyɛ y'asom ma
B'rč a yɛte dɛw nnyigyei
A nhemfo ne 'diyifo twɛn
Hwehwɛe nso wɔanhu no.
'Nigye hyɛ y'asom ma
B'rč a yɛte dɛw nnyigyei
A nhemfo ne 'diyifo twɛn
Hwehwɛe nso wɔanhu no.
[V4]
Nhyira ne yɛn ani
A ehu s'ro hann yi;
'Diyifo ne nhemfo hwehwɛe
Nso wɔanhu de kɔɔ 'wum.
Nhyira ne yɛn ani
A ehu s'ro hann yi;
'Diyifo ne nhemfo hwehwɛe
Nso wɔanhu de kɔɔ 'wum.
[V5]
Awɛmfo ka wɔn nne
Bom to dwom ɔdɛw mu;
Yerusalem nso to nnwom ma
Anweatam di 'h'rusi.
Awɛmfo ka wɔn nne
Bom to dwom ɔdɛw mu;
Yerusalem nso to nnwom ma
Anweatam di 'h'rusi.