Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #360

Hymn 360 Wofi Apuei Mmepɔm'

[V1]
Wofi apuei mmepɔm' Nam kwan so reba,
Wofi wɔn nyansam' ba N'ahobrɛase fie;
Wɔde ahofama Fi aky'rik'ri ba;
Wɔn akwantu mu no,
    Ns'romma ky'rɛɛ wɔn kwan.

[V2]

Ha na wɔn W'ra 'Gyenkwa A ɔdwo no da;
Hann nwanwa a ɛmaa Wɔn akwanky'rɛ no,
Bɛhyerɛn nnɛ ama Aky'riky'ri aman.
B'rč a ns'romma kwanky'rɛfo
    De wɔn kɔ fie no.

[V3]

Fa 'kwantofo bra mu, Wɔn a wɔafom kwan.
Fa Wo hann twa wɔn ho Na kyerɛ wɔn kwan;
Wɔn a wonnim Wo da, Wɔn a wɔamane,
Fa ns'romma kwanky'rɛfo Di wɔn anim bra.

[V4]

Kosi sɛ man biara, 'Kɛsč anaa kumaa,
Bɛba Wo frankaá ase, Yesu di w'akyi,
Wɔ 'ky'riky'ri mmepɔ a Ͻkɔ s'ro fie no,
Nea bɔne ne 'w'rɛhow Remma hɔ bio no.

360. Wofi Apuei Mmepɔm'

Link copied to clipboard successfully!