Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #371

Hymn 371 Ma No So

[V1]
Ma No so, Nyame na ɔhyɛw'
Nea ɔrewu nhwɛ nnya nkwa;
ɔbɛma nnebɔn'yɛfo a
Sukɔm de wɔn no nkwa nsu;
Ewom, ɔbrɛɛ Ne ho ase,
Nanso na ɔyɛ 's'ro Hen,
\"Nifraefo a wɔte sum mu
Hu ade Yesu mogyam.

**Nnyeso**
Ma No so, 'Gyenkwá a Wasɔre
Nea ɔk'rɔn sen obiara;
Ma No so, ɔno na ɔse
Wo sɛ guan fi bɔne ho.

[V2]

Ma No so, 'Gyenkwá a ɔsom bo,
Ma amansan mmɛhwɛ No;
Wɔde ɔpɛ bɛhwehwɛ No;
ɔde wɔn bɛba Ne nkyɛn;
Wɔbɛboaboa wɔn ho ano
De 'nigye aba ntɛm so,
Wɔbɛsoa Yesu asɛnnua
Na wɔahu nkwagye mu dɛw.

[V3]

Ma No so, N'anuonyam ny'naa mu,
Nyame Ba a ɔwɔ s'ro;
Ma No so, Ne dɔ bɛtwe wɔn,
Agyegyentwi mpo bɛba;
Ma wɔnte asɛnnua no ho
Asɛm, 'nimguase 'wu no;
Ma tɛkrɛma biara nnye so;
Nnipadɔm behy'ra Ne din.

[V4]

Ͻnde ma No so nnwonto mu,
Ma 'Gyenkwa no so mpaebɔm',
ɔyɛ Gyefo 'nuonyamfo a
ɔsoaa adasa bɔn' ny'naa
Mmofra bɛkoto N'anim na
Mpanyin ama wɔn nne so;
Sotifo bɛte hosana
Na mum ato N'ayeyi

371. Ma No So

Link copied to clipboard successfully!