Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #587

Hymn 587 Kristom Nni Apuei Annà Atɔe

[V1]
Kristom nni apuei anaà atɔe
'Tifi anaa 'nafo,
Na mmom 'dɔ ayɔnkofa k'ro
Wiase afanan ny'naa.

[V2]

Ne mu na koma ny'naa benya
Wɔn nkitadohi pa;
Ne som ne hama kronkron a
Ͻka nnipa ny'naa bom.

[V3]

'Nuanom 'gyidifo monka mmom
Sɛnea mote biara;
Nea ɔsom m'Agya sɛ ba no,
ɔyɛ me busuani.

[V4]

Apuei ne atɔe hyia Kristom,
'Tifi ne 'nafo nso;
Kristom 'kra ny'naa yɛ k'ro Ne mu,
Wiase afanan ny'naa.

587. Kristom Nni Apuei Annà Atɔe

Link copied to clipboard successfully!