Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #361

Hymn 361 Tie! Mete 'Guanhwɛfo No Nne

[V1]
Tie! mete 'Guanhwɛfo no nne
Wɔ sum huhu sare no so;
Refrɛ Ne nguan a wɔafom kwan
Afi Ne nguanbuwm' kɔ aky'ri

**Nnyeso**
Fa wɔn bra, fa wɔn bra,
Fa wɔn fi bɔne wuram' bra;
Fa wɔn bra, fa wɔn bra,
Fa 'kwantofo brɛ Yesu.

[V2]

Hena bɛboa Guanhwɛfo no
Ma Wahwehwɛ akwantofo?
Hena de wɔn bɛba buw nom',
Nea awɔ bi renne wɔn no?

[V3]

Tie! Wɔresu sar' so nohoaa,
Mmepɔw atenten no so hɔ;
Tie! Yɛn Wura reka ky'rɛw' sɛ;
Kɔhwehwɛ Me nguan, fa wɔn bra.

361. Tie! Mete 'Guanhwɛfo No Nne

Link copied to clipboard successfully!