Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #359

Hymn 359 Tie! Yesu Nne Gu So Refrɛ

[V1]
Tie! Yesu nne gu so refrɛ,
Hena bɛkɔ 'dwuma nnɛ?
Mɔfuw ab're, twab're adu,
Hena n'ɔbɛsoa nnɔbae?
Owura no team frɛ dennen,
ɔma akatua pa kwa;
Hena n'ɔbɛkan' 'nigyem sɛ,
\"Mini, 'Wura, soma me\".

[V2]

Sɛ worentumi nɔtwa po
Nkɔ wiasefo nsase sō a,
Wubehu wɔn wo nkyɛn ara,
Aboa wɔn wo pon ano;
Sɛ wuntumi nyɛ sɛ bɔfo
Nka 'sɛmpan' sɛ Paulo a,
Wubetum' aka Yesu dɔn',
Sɛ Owu maa nnipa ny'naa.

[V3]

Sɛ worentumi nyɛ wɛmfo
Nnyina Sion fasu so,
Nɔkyerɛ ɔsoro kwan no,
Mma nkwa ne asomdwoe a,
Wubetumi de wo mpaebɔ
Ayɛ nea soro hwehwɛ;
Wobɛyɛ nokwafo Aaron,
Aso 'diyifo no nsa.

[V4]

Sɛ nnipa akra rewuwu
Na Owura frɛ wo a,
Nɔka anihasɛm bi sɛ,
\"Merentumi nyɛ b'ribi!\"
Gye adwuma no anigyem,
Ma N'adwuma nyɛw' nigye;
ɔfrɛ wo a gye so ntɛm sɛ,
\"Mini, 'Wura, soma me\".

359. Tie! Yesu Nne Gu So Refrɛ

Link copied to clipboard successfully!