Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #348
Hymn 348 Asafon' Wɔ Fapem K'ro
[V1]
Asafon' wɔ fapem k'ro
Ͻne Kristo, ne W'ra;
ɔnam nsu ne asɛm so
Yɛ N'abɔde fofro;
Ofi s'ro bɛhwehwɛɛ no,
Yɛɛn' ayef'ro kronkron;
ɔde Ne mogya tɔɔ no,
Na ne nkwa nti n'Owui.
Asafon' wɔ fapem k'ro
Ͻne Kristo, ne W'ra;
ɔnam nsu ne asɛm so
Yɛ N'abɔde fofro;
Ofi s'ro bɛhwehwɛɛ no,
Yɛɛn' ayef'ro kronkron;
ɔde Ne mogya tɔɔ no,
Na ne nkwa nti n'Owui.
[V2]
Wɔapaw no aman nyinaam',
Na ɔyɛ k'ro wiase;
Ne nkwagye botae no yɛ
'W'rade k'ro, gyidi k'ro;
Din kronkron k'ro na ohy'ra,
Odi 'duan kronkron k'ro,
Na ɔde 'nidaso k'ro
Nante wɔ ɔdom mu.
Wɔapaw no aman nyinaam',
Na ɔyɛ k'ro wiase;
Ne nkwagye botae no yɛ
'W'rade k'ro, gyidi k'ro;
Din kronkron k'ro na ohy'ra,
Odi 'duan kronkron k'ro,
Na ɔde 'nidaso k'ro
Nante wɔ ɔdom mu.
[V3]
Sɛ nipa di ne ho fɛw
N'ahohia kɛse mu;
Sɛ tammfo dw'riw botan a
ɔhome so no mpō a;
Ahotefo de gyidi
Su sɛ: 'nkɔsi da bɛn?
Ͻrenkyɛ na 'nadwo su
Adan 'nɔpa dwonto.
Sɛ nipa di ne ho fɛw
N'ahohia kɛse mu;
Sɛ tammfo dw'riw botan a
ɔhome so no mpō a;
Ahotefo de gyidi
Su sɛ: 'nkɔsi da bɛn?
Ͻrenkyɛ na 'nadwo su
Adan 'nɔpa dwonto.
[V4]
Ne brɛ ne nsɔhwɛ nyinaa
Ne ne ko kɛse mu,
ɔtwɛn kosi bere a
Daa asomdwoe bɛba;
Na 'nuonyam 'nidaso a
ɔretwɛn no aba,
Ma 'safo nkonimdifon'
Anya daa ɔhome.
Ne brɛ ne nsɔhwɛ nyinaa
Ne ne ko kɛse mu,
ɔtwɛn kosi bere a
Daa asomdwoe bɛba;
Na 'nuonyam 'nidaso a
ɔretwɛn no aba,
Ma 'safo nkonimdifon'
Anya daa ɔhome.