Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #347

Hymn 347 Asafo No Tim Botan So

[V1]
Asafo no tim Botan so,
B'rč a abran retete gu na
Abanten redw'ri baabiara;
Dɔn gu so refrɛfrɛ mmofra
Ne mpanyin sɛ wɔmmɛhome;
Wɔrefrɛ akra brɛfo a
Wɔrehwehwɛ daa nkwa 'kyi kwan.

[V2]

Nyankopɔn nte asɔredan
A wɔde nsa na asi mu;
Ne trabea wɔ s'ro mu s'ro hɔ,
Ͻk'rɔn sen fam ha trabea ny'naa.
Nea ɔte ɛs'ro mu s'ro no
Pɛ sɛ ɔne yɛn tra sdɔm',
De yɛn nipadua yɛ Ne fie.

[V3]

Yɛyɛ Onyankopɔn fie a
Wayɛ no N'ankasa trabea;
ɔde yɛn koma yɛ N'agua,
Na ɔma yɛn nkwa ne ɔgye.
Baanu anaa baasa hyiam' a,
Oyi Ne dom adi ky'rɛ wɔn,
Na Ohwie ne nhy'ra gu wɔn so.

[V4]

Na 'sase so ha fie yi mu,
Yesu rehyira Ne mma ny'naa;
Yehyia ha yi Ne din ayɛ,
Ka sɛ yɛgye 'Gyenkwa no di.
Yesu ama yɛn Ne honhom,
Na ɔne yɛn ayɛ apam
De ahenni no ama yɛn.

[V5]

Nnasanten nyinaa mu, O, 'W'ra,
B'rč a 'sɔre dɔn bɛbɔ biara,
Ma 'kra pii mmetie Nyamč asɛm
A Wahyɛ saa bɔ yi wom sɛ:
Minim Me de, Mede nim Me,
Mo nko na mubehu M'anim;
Migya mo M'asomdwoe. Amen.

347. Asafo No Tim Botan So

Link copied to clipboard successfully!