Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #341
Hymn 341 Anuonyam Nka Nyame
[V1]
Anuonyam nka Nyame, nea Wayɛ no so,
Sɛ ɔdɔɔ wiase de Ne Ba no kyɛɛ yɛn;
Na ɔde Ne nkwa yɛɛ bɔne ho mpata,
Na Obuee nkwa pon sɛ emu na yɛnhyɛn.
**Nnyeso**
Yi Aw'rade ayɛ, ma 'sase nte Ne nne;
Yi Aw'rade ayɛ, ma amansan 'ni nnye,
Momfa 'Ba Yesu so mmra Agya no nkyɛn;
Monhyɛ No anuonyam na nea Wayɛ so.
Anuonyam nka Nyame, nea Wayɛ no so,
Sɛ ɔdɔɔ wiase de Ne Ba no kyɛɛ yɛn;
Na ɔde Ne nkwa yɛɛ bɔne ho mpata,
Na Obuee nkwa pon sɛ emu na yɛnhyɛn.
**Nnyeso**
Yi Aw'rade ayɛ, ma 'sase nte Ne nne;
Yi Aw'rade ayɛ, ma amansan 'ni nnye,
Momfa 'Ba Yesu so mmra Agya no nkyɛn;
Monhyɛ No anuonyam na nea Wayɛ so.
[V3]
Nkwagye a edi mu mogya atɔde,
Ͻyɛ Nyame bɔhyɛ ma nea ɔgye di;
Bɔn'yɛfo a ɔgye di nokwarem no,
Nya Yesu nkyɛn faf'ri amonom hɔ ara.
Nkwagye a edi mu mogya atɔde,
Ͻyɛ Nyame bɔhyɛ ma nea ɔgye di;
Bɔn'yɛfo a ɔgye di nokwarem no,
Nya Yesu nkyɛn faf'ri amonom hɔ ara.
[V4]
Nea Wakyerɛ yɛn ne nea Wayɛ no so,
Yɛn anigye so wɔ ɔba Yesu mu;
Nanso dá a yebehu Yesu anim no,
Ͻbɛyɛ nwanwa, yɛn ani bɛgye pii.
Nea Wakyerɛ yɛn ne nea Wayɛ no so,
Yɛn anigye so wɔ ɔba Yesu mu;
Nanso dá a yebehu Yesu anim no,
Ͻbɛyɛ nwanwa, yɛn ani bɛgye pii.
Text from Memeneda Akwanhwefo Nnwom · © respective copyright holders · shared for worship use