Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #340

Hymn 340 Yɛate Nne Dɛdɛ Bi Sɛ

[V1]
Yɛate nne dɛdɛ bi sɛ,
Yesu tumi gye nkwa;
Trɛw anigyesɛm no mu,
Yesu tumi gye nkwa.
Bɔ amanneɛ no mmaa ny'naa
Foro mmepɔ na twa po,
Onyame se, kɔ anim,
Yesu tumi gye nkwa.

[V2]

Ma 's'rɔkye mmɔ no brɛoo sɛ
Yesu tumi gye nkwa;
Ma bɔnefo nyinaa nte,
Yesu tumi gye nkwa;
Ͻpo so nsupɔw monto,
Na po abodan nnye so,
'Sase bedi ah'rusi,
Yesu tumi gye nkwa.

[V3]

To bua akosɛm no so,
Yesu tumi gye nkwa;
Ne wu ne Ne daa nkwa nti,
Yesu tumi gye nkwa;
To no brɛoo wɔ ɔhaw mu
B're a koma hwehwɛ 'dom
To di owu so nkonim,
Yesu tumi gye nkwa.

[V4]

Ma ɛnne nwosow kɛse,
Yesu tumi gye nkwa:
Ma aman ani nnye nnɛ,
Yesu tumi gye nkwa.
Teɛm ka nkwagye ho asɛm
Nkoko so ne ntok'ru mu
Yɛn nkonimdi dwom ne sɛ,
Yesu tumi gye nkwa.

340. Yɛate Nne Dɛdɛ Bi Sɛ

Link copied to clipboard successfully!