Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #307
Hymn 307 Mereba ' Sɛnnuan' Ase
[V1]
Mereba 'sɛnnuan' ase,
Meyɛ hiani, nif'rani;
Mimmu nea mewɔ biara,
Mehwehwɛ nkwagye mapa.
**Nnyeso**
Awurade metwer' Wo,
O Kalbre so Oguammaa;
Mekoto W'asɛnnua 'se
Oyesu, gye me seesei.
Mereba 'sɛnnuan' ase,
Meyɛ hiani, nif'rani;
Mimmu nea mewɔ biara,
Mehwehwɛ nkwagye mapa.
**Nnyeso**
Awurade metwer' Wo,
O Kalbre so Oguammaa;
Mekoto W'asɛnnua 'se
Oyesu, gye me seesei.
[V3]
Me koma 'fee Wo akyɛ,
Bɔn' adi mu hen' akyɛ,
Yesu ka nsɛm dɛdɛ sɛ,
'Mɛhoh'ro wo ho bɔn' ny'naa'.
Me koma 'fee Wo akyɛ,
Bɔn' adi mu hen' akyɛ,
Yesu ka nsɛm dɛdɛ sɛ,
'Mɛhoh'ro wo ho bɔn' ny'naa'.
[V4]
Mede m'ade ny'naa ma Wo,
Nnamfo, b're, wiase 'honya;
Me kra ne me nipadua
Ny'naa yɛ Wo de afebɔɔ.
Mede m'ade ny'naa ma Wo,
Nnamfo, b're, wiase 'honya;
Me kra ne me nipadua
Ny'naa yɛ Wo de afebɔɔ.
[V5]
Yesu bɔhyɛ me kra ma!
Mawie pɛyɛ wɔ Ne mu,
Me ho ny'naa atew koraa,
'Nuonyam nka Oguammaa no.
Yesu bɔhyɛ me kra ma!
Mawie pɛyɛ wɔ Ne mu,
Me ho ny'naa atew koraa,
'Nuonyam nka Oguammaa no.