Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #281

Hymn 281 Mede Me Nkwa Maa Wo

[V1]
Mede Me nkwa maa wo,
Hwiee mogya dehye gui,
Sɛ wɔmfa nnye wo nkwa
Nnyan wo mfi owu mu.
Mede Me nkwa too hɔ maa wo;
Dɛn na wode ama Me?
Mede Me nkwa too hɔ maa wo;
Dɛn na wode ama Me?

[V2]

M'Agya fie a ɛhy'rɛn,
M'anuonyam 'hengua no,
Migyaw bɛfaa ha sum
Nantebrɛ ne 'w'rɛhowm'
Ampa, Migyaw ne ny'naa maa Wo;
Dɛn na woagyaw ama me?
Ampa, Migyaw ne ny'naa maa Wo;
Dɛn na woagyaw ama me?

[V3]

Mihuu 'mane maa wo,
Nea ano ntumi nky'rɛ
Yaw a enni kabea
De gyeew' fii asaman
Ampa, Mesoaa ne ny'naa maa wo;
Dɛn na woasoa ama me?
Ampa, Mesoaa ne ny'naa maa wo;
Dɛn na woasoa ama me?

281. Mede Me Nkwa Maa Wo

Link copied to clipboard successfully!