Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #280

Hymn 280 Mommra, Nnebɔn'yɛfo 'Hiafo

[V1]
Mommra, nnebɔn'yɛfo 'hiafo,
Mm'rɛwyɛfo, 'p'rafo, 'yar'fo;
Yesų ayɛ krado s'ɔgye mo;
Tema, 'dɔ, tum' ayɛN' ma.

**Nnyeso**
Mɛsɔre akɔ Yesu nɔkyɛn
ɔbɛgye me ayɛm' atuu
M'Agyenkwa pa no nsam hɔ na
Nnepa mpempem nyinaa wɔ.

[V3]

Mommra, mo a sukɔm de mo,
Monhyɛ 'W'rade 'dom 'nuonyam;
Nokwar' gyidi ne ahonu,
Yɛ 'dom a ɛtwe mo bɛn.

[V4]

W'ahonim nti ntwentwɛn koraa,
Nɔso nka sɛ womfata;
Nea 'hia ne hu a wubehu,
Ne nkate sɛ wo hia No.

[V5]

Hwɛ! Nyame Ba no wɔ ɔs'ro
Redi maw' Ne mogya mu;
Twe bɛn No, twe bɛn No daa daa.
Mma b'ribiara nsi wo kwan.

280. Mommra, Nnebɔn'yɛfo 'Hiafo

Link copied to clipboard successfully!