Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #272

Hymn 272 Fa Kyerɛw Kronkron Nsoromma

[V1]
Fa Kyerɛw Kronkron nsoromma no ma me,
Ͻkyekye kwantuni baakofo w'rɛ;
Ahum ntumi nkata ne hyerɛn no so,
'Fisɛ Yesu bɛgyee nnebɔn'yɛfo.

**Nnyeso**
Fa Kyerɛw Kronkron asɛmpa no ma me,
Wo hann no bɛwɛn me kwan teaa no mu,
Bɔhyɛ ne mm'ra ne ɔdɔ ahyɛ mu ma,
Kosi sɛ adesae bɛdan daa hann.

[V3]

Fa Ky'rɛw no ma me b'rč a me koma 'bubu,
Na bɔne de hu ahyɛ me kra so;
Fa 'sɛmpa a Yesu aka no ma me,
Na menka sɛ Agyenkwa no abɛn.

[V4]

Fa Ky'rɛw no ma me ma ɛnhy'rɛn me kwan so
Ky'rɛ me mmusu a ɛwɔ wiɔase,
Ahotɔ kanea no bɛpam sum nyinaa;
Kanea no nko na ɛky'rɛ 'somdwoe kwan.

Text from Memeneda Akwanhwefo Nnwom · © respective copyright holders · shared for worship use

272. Fa Kyerɛw Kronkron Nsoromma

Link copied to clipboard successfully!