Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #271

Hymn 271 Bubu Nkwa Bodoo No Ma Me Wura

[V1]
Bubu nkwa bodoo no Ma me Wura,
Sɛnea Wububui wɔ Po no ano;
W'asɛm Kronkron no mu Mehwehwɛ Wo;
Me honhom hwehwɛ Wo, O, nkwa Asɛm.

[V2]

Hyira W'asɛm no so Ma me seesei,
Sɛ Wohy'raa 'bodoo so Galilea no;
Nkoasom ny'naa to betwa, Mpoky'rɛ bebu;
Na menya asomdwoe M'ade ny'naa mu.

[V3]

Woyɛ nkwa abodoo Ma me Wura,
W'asɛm Kronkron no na Ͻgye me nkwa;
Ma me bi nni na me Ne W'atra s'ro,
Ma me nnɔW' nokwar' no, Na Wone dɔ.

[V4]

Nsɛm a Woka no yɛ Honhom ne nkwa,
Mepɛ sɛ mitie Wo Nso meyɛ mm'rɛw;
Wo nkutoo ne me mmoa, Woyɛ me nkwa,
Mitie W'Asɛm kronn nō a, Midi nkonim.

271. Bubu Nkwa Bodoo No Ma Me Wura

Link copied to clipboard successfully!