Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #275
Hymn 275 O Hann Nyame
[V1]
O hann Nyame, W'asɛm yɛ kaneá a ɛhy'rɛn,
Epue fa yɛn 'sase sum kwan yi so,
Ͻky'rɛ Wo dom, yi Wo nhyehyɛe no adi,
Na ɛky'rɛ yɛn nan kwan kɔ 'dekyee pa m'.
O hann Nyame, W'asɛm yɛ kaneá a ɛhy'rɛn,
Epue fa yɛn 'sase sum kwan yi so,
Ͻky'rɛ Wo dom, yi Wo nhyehyɛe no adi,
Na ɛky'rɛ yɛn nan kwan kɔ 'dekyee pa m'.
[V2]
Efi tete, y'ani f'rae yɛn boapayɛm',
Yɛtee atua, nso Wohwehwɛɛ yɛn bio;
Wokasa faa Wo nk'rɔfo 'diyifo mu
Maa wɔde ahop're ky'rɛw W'asɛm no.
Efi tete, y'ani f'rae yɛn boapayɛm',
Yɛtee atua, nso Wohwehwɛɛ yɛn bio;
Wokasa faa Wo nk'rɔfo 'diyifo mu
Maa wɔde ahop're ky'rɛw W'asɛm no.
[V3]
Efi tete ny'naa, W'asɛm no da so hy'rɛn
Ma nnebɔn'yɛfo hu Wo do nyinaa;
Na akra a wɔhwehwɛ W'ayaresa,
Hu W'ahummɔb'rɔ wɔ 'Gyenkwan' anim.
Efi tete ny'naa, W'asɛm no da so hy'rɛn
Ma nnebɔn'yɛfo hu Wo do nyinaa;
Na akra a wɔhwehwɛ W'ayaresa,
Hu W'ahummɔb'rɔ wɔ 'Gyenkwan' anim.
[V4]
Wode Wo frɛ nsɛm rema wiase nyinaa
Nsase, aman ne, mmusuakuw nyinaa,
Na tɛkrɛma nyinaa 'ra bɛka abom
Ayi W'ayɛ akamfo W'akyɛde n'.
Wode Wo frɛ nsɛm rema wiase nyinaa
Nsase, aman ne, mmusuakuw nyinaa,
Na tɛkrɛma nyinaa 'ra bɛka abom
Ayi W'ayɛ akamfo W'akyɛde n'.