Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #229

Hymn 229 Mo Ny'naa Mmɔ 'Se Yesu Din Mu!

[V1]
Mo ny'naa mmɔ 'se Yesu din mu!
Abɔfo nkoto No,
Na momfa ahenkyɛw no mmra;
MonhyɛN' ahen' mu Hen';
Na momfa ahenkyɛw no mmra;
MonhyɛN' ahen' mu Hen'.

[V2]

Israel abusua a wɔapaw,
Mo nkae a musua no;
Mommɔ Nea Wagye mo no 'se,
MonhyɛN' ahen' mu Hen';
Mommɔ Nea Wagye mo no 'se,
MonhyɛN' ahen' mu Hen'.

[V3]

Ma mmusuakuw ne aman a
Wɔwɔ asase so
Mmɔ N'abodin sɛ Otumfo,
MonhyɛN' ahen' mu Hen';
Mmɔ N'abodin sɛ Otumfo,
MonhyɛN' ahen' mu Hen'.

[V4]

O, sɛ yɛne kuw kronkron no
Bom twa hwe N'anim a,
Anka yɛbɛto daa dwom no
AhyɛnN' ahen' mu Hen';
Anka yɛbɛto daa dwom no
AhyɛnN' ahen' mu Hen'.

229. Mo Ny'naa Mmɔ 'Se Yesu Din Mu!

Link copied to clipboard successfully!