Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #230
Hymn 230 'Nuonyam, 'Nidi Ne Nkamfo
[V1]
'Nuonyam, 'nidi ne nkamfo
Nka Wo, ɔhen' Gyefo;
Wo na mmofra de wɔn nne
Too hosana maa Wo;
Wo a Woyɛ Israel Hen'
Dawid dehye kronkron;
Nea ɔba 'W'rade din mu,
ɔhen' a wɔahy'ra Wo.
'Nuonyam, 'nidi ne nkamfo
Nka Wo, ɔhen' Gyefo;
Wo na mmofra de wɔn nne
Too hosana maa Wo;
Wo a Woyɛ Israel Hen'
Dawid dehye kronkron;
Nea ɔba 'W'rade din mu,
ɔhen' a wɔahy'ra Wo.
[V2]
Abɔfodɔm no nyinaa
Yi Wo ayɛ wɔ s'ro;
Na nnipa ne abɔde
Nyinaa nso gye wɔn so;
Hebrifo mma de berɛw
Bɔɔ ose dii W'anim;
Yɛn ayeyi ne mpaebɔ
Na yɛde ba W'anim.
Abɔfodɔm no nyinaa
Yi Wo ayɛ wɔ s'ro;
Na nnipa ne abɔde
Nyinaa nso gye wɔn so;
Hebrifo mma de berɛw
Bɔɔ ose dii W'anim;
Yɛn ayeyi ne mpaebɔ
Na yɛde ba W'anim.
[V3]
Ansa na Worekowun'
Wɔtoo 'yeyi nnwom maaW';
Afei a wɔamaW' so yi,
Yɛto yɛn dwom ma Wo;
Wogyee wɔn ayeyi nnwom,
Gye yɛn nso ayeyi;
Wo a papa na Wopɛ,
ɔhene dɛɛfo pa.
Ansa na Worekowun'
Wɔtoo 'yeyi nnwom maaW';
Afei a wɔamaW' so yi,
Yɛto yɛn dwom ma Wo;
Wogyee wɔn ayeyi nnwom,
Gye yɛn nso ayeyi;
Wo a papa na Wopɛ,
ɔhene dɛɛfo pa.