Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #228

Hymn 228 Momma Yɛnto Anuonyam Dwom

[V1]
Nnwom fof'ro nnyigye wiase ny'naa;
Haleluya! Haleluya!
Kristo nam nea obi mfaa da
Kɔ Nyame ahengua no so:
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Haleluya! Haleluya!

[V2]

'Wura, ky'rɛ yɛn yɛn s'ro fie kwan,
Nea yɛn koma mfa 'hoɔden mf'ro;
Haleluya! Haleluya!
Faakō a Wote W'Agya 'gua so,
Di hen' sɛ ahen' mu Hen' no;
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Haleluya! Haleluya!

[V3]

'Wura, ma yɛn Wo fam ha dɛw
Sɛ yɛn 'katua kɛse wɔ s'ro;
Haleluya! Haleluya!
B'rč a yɛne Wo bɛtra daa no,
Yɛbɛkamfo Wo din daa ny'naa;
Haleluya! Haleluya! Haleluya!
Haleluya! Haleluya!

[V4]

O, Kristo a Woaf'ro kɔ s'ro;
Ma asase ny'naa nyi W'ayɛ,
Haleluya! Haleluya!
Mfesanten ny'naa mu no Wo ne
Agya ne Honhom no yɛ k'ro:
Haleluya! Haleluya!
Haleluya! Haleluya! Haleluya!

228. Momma Yɛnto Anuonyam Dwom

Link copied to clipboard successfully!