Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #195

Hymn 195 Nhyira Bosu

[V1]
Wɔbɛtɔ nhyira bosu,
Eyi ne ɔdɔ bɔhyɛ;
Ahoɔden mmerɛ nso bɛba,
Agyenkwa de fi soro.

**Nnyeso**
Nhyira bosu,
Nhyira bosu hia yɛn;
Adom nsu retɔ yɛn ho hyia,
Nanso yɛsrɛ nsu n'ara.

[V3]

Wɔbɛtɔ nhyira bosu,
Ͻma y'ahoɔden fof'ro;
Nkoko so ne abon mu,
Yɛte nsu nnyigyei pii.

[V4]

Wɔbɛtɔ nhyira bosu,
'Wura, tɔ bi gu yɛn so;
Ma yɛn ahoɔden fof'ro nnɛ,
Bɛhyɛ W'asɛm anomyam.

[V5]

Wɔbɛtɔ nhyira bosu,
O anka ɛretɔ nnɛ;
Nnɛ a yɛreka yɛn bɔne yi,
Na yɛrefrɛ Yesu yi!

[V6]

Wɔbɛtɔ nhyira bosu,
Sɛ yɛyɛ setie nko a;
Ahoɔden mmerɛ nso bɛba
Sɛ yɛma Nyame kwan a.

195. Nhyira Bosu

Link copied to clipboard successfully!