Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #148

Hymn 148 'Dɔ a Emu Trɛw Na Ͻk'rɔn

[V1]
'Dɔ a emu trɛw na ɛk'rɔn
Na ɛtra adwen nyinaa ni:
Sɛ Nyankopɔn Ba no bɛfaa
Yɛn nipasu too Né ho so.

[V2]

Yɛn nti na wɔbɔɔ No asu,
Na Odii mmuada kronkron no;
Yɛn nti na Ohyiaa sɔhwɛ pii,
Na Odii sɔhwɛfo no so.

[V3]

Wɔde t'rimmɔden yii No mae,
Yɛn nti na wɔhyɛɛ No nsɔekyɛw;
Na ɔsoaa 'nimguase 'sɛnnua;
Yɛn nti, Ogyaee Ne home mu.

[V4]

Yɛn nti na Onyan fii 'wu mu,
Na ɔf'ro kɔɔ s'ro kodii hen';
Yɛn ntiɔsomaa Ne honhom
Sɛ ɔnky'rɛ yɛn kwan, nhyɛ yɛn den.

[V5]

Anuonyam nka yɛn Aw'rade,
Wɔ ɔdɔ a ɛk'rɔn no nti;
Baasakoro a yɛsom Wo
Wɔ mfesanten ne mm'resanten.

Text from Memeneda Akwanhwefo Nnwom · © respective copyright holders · shared for worship use

148. 'Dɔ a Emu Trɛw Na Ͻk'rɔn

Link copied to clipboard successfully!