Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #146
Hymn 146 Sɛ Mekan Tete Abasɛm Dɛdɛ No
[V1]
Sɛ mekan tete abasɛm dɛdɛ no,
B're a Yesu traa nnipa mu,
Sɛnea ɔfrɛɛ mmofraa sɛ
Ne nguammaa no a,
Mepɛ sɛ na 'nka meka ho bi.
Sɛ mekan tete abasɛm dɛdɛ no,
B're a Yesu traa nnipa mu,
Sɛnea ɔfrɛɛ mmofraa sɛ
Ne nguammaa no a,
Mepɛ sɛ na 'nka meka ho bi.
[V2]
Mepɛ sɛ 'nka ɔde Ne nsa too me so,
Ná ɔde Ne basa twaa me ho,
Na 'nka mahu N'animtew a ɔde kaa sɛ:
'Momma mmofraa no kwan mmra Me nkyɛn'
Mepɛ sɛ 'nka ɔde Ne nsa too me so,
Ná ɔde Ne basa twaa me ho,
Na 'nka mahu N'animtew a ɔde kaa sɛ:
'Momma mmofraa no kwan mmra Me nkyɛn'
[V3]
M'ani agyina saa anuonyam b're no,
B're pa a ɛyɛ dɛ kyɛn so,
B'rč a mmofraa dɔfo a wofi tebea nyinaam',
Begu Ne so agye nhyira no.
M'ani agyina saa anuonyam b're no,
B're pa a ɛyɛ dɛ kyɛn so,
B'rč a mmofraa dɔfo a wofi tebea nyinaam',
Begu Ne so agye nhyira no.