Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #135

Hymn 135 O Kųro Ketewa Betlehem

[V1]
O kųro ketewa Betlehem,
Kųro a woda hɔ dinn!
B're a woda wo baabi komm
Na ns'romma twam kɔ no;
Na wo sum mmɔnten so hɔ
Daa hann no hyerɛn hɔ;
Mɔfe nyinaa mu 'nidaso,
Ahyia wo mu 'nadwo' i.

[V2]

Maria awo Yesu Kristo,
Na s'ro dɔm nyinaa 'hyiam;
B're a nnipa mma ada no
Abɔfo de dɔ wɛn.
Anɔpa ns'romma mommom
Nkā awo kronkron no nky'rɛ!
Monto 'yeyi nnwom mma Nyame,
Na 'somdwoe nka nnipa.

[V3]

Wɔde anwanwa 'kyɛdɛ yi
Maa Yɛn wɔ kommyɛ mu!
Nyame de Ne soro nhyira
'Bɛhyɛ nnipa komam;
Aso ante Ne mmae no,
Nanso bɔne wiase' i,
Neá akra brɛfo bɛgye No no,
Kristo bɛhyɛn wɔn mu.

[V4]

Betlehem Akokoa kronkron,
YɛsrɛW' sian bra yɛn nkyɛn;
Pam yɛn mu bɔne na hyɛn mu,
Ma wɔnwoW' yɛn mu nnɛ.
Yɛte Bųronya 'bɔfo sɛ
Wɔreka 'nigyesɛm;
O bra na bɛtra yɛn nkyɛn ha,
Yɛn W'ra Immanuel.

135. O Kųro Ketewa Betlehem

Link copied to clipboard successfully!