Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #140
Hymn 140 Wugyaw W'ahengua No Ne
[V1]
Wugyaw W'ahengua no ne W'ahenkyɛw no.
B're a me nti Wobaa wiase;
Nanso Betlehem k'rom wɔannya dabea pa
Amma saa W'awo kronkron no.
O bra me komam, 'W'ra Yesu,
Dabea wɔ me komam ma Wo.
Wugyaw W'ahengua no ne W'ahenkyɛw no.
B're a me nti Wobaa wiase;
Nanso Betlehem k'rom wɔannya dabea pa
Amma saa W'awo kronkron no.
O bra me komam, 'W'ra Yesu,
Dabea wɔ me komam ma Wo.
[V2]
Soro 'pon wosoe, b're a 'bɔfo too dwom
De kamfoo W'adehyedi no;
Nanso akoa tebeam na Wobaa fam ha,
Wɔ ahobrɛase kɛse mu.
O bra me komam, 'W'ra Yesu,
Dabea wɔ me komam ma Wo.
Soro 'pon wosoe, b're a 'bɔfo too dwom
De kamfoo W'adehyedi no;
Nanso akoa tebeam na Wobaa fam ha,
Wɔ ahobrɛase kɛse mu.
O bra me komam, 'W'ra Yesu,
Dabea wɔ me komam ma Wo.
[V3]
'Sakraman wɔ atu, nnomaa wɔ mm'rebuw
Wɔ kwae mu nnua kusuu no mu,
Nanso Wo Nyame Ba, Wodaa mmoa 'duan so
Wɔ Galilea sare no so.
O bra me komam, 'W'ra Yesu,
Dabea wɔ me komam ma Wo.
'Sakraman wɔ atu, nnomaa wɔ mm'rebuw
Wɔ kwae mu nnua kusuu no mu,
Nanso Wo Nyame Ba, Wodaa mmoa 'duan so
Wɔ Galilea sare no so.
O bra me komam, 'W'ra Yesu,
Dabea wɔ me komam ma Wo.
[V4]
Awurade, Wode nkwasɛm a ɛma
Faw'hodi na ɛbrɛɛ Wo mam;
Nanso wodii Wo fɛw de nsɔekyɛ hyɛɛ Wo
Twee Wo ase kɔɔ Kalbre so.
O bra me komam, 'W'ra Yesu,
Dabea wɔ me komam ma Wo.
Awurade, Wode nkwasɛm a ɛma
Faw'hodi na ɛbrɛɛ Wo mam;
Nanso wodii Wo fɛw de nsɔekyɛ hyɛɛ Wo
Twee Wo ase kɔɔ Kalbre so.
O bra me komam, 'W'ra Yesu,
Dabea wɔ me komam ma Wo.
[V5]
B're a s'ro bɛwoso na 'bɔfo to dwom
Wɔ Wo nkonimdi mmae mu no,
Ma Wo nne no mfrɛ me mmra ofie nka sɛ:
ɔkwan wɔ Me nkyɛn ha ma wo.
Me koma bedi dɛw, 'Wura,
B're a Wobɛba 'bɛfrɛm' no.
B're a s'ro bɛwoso na 'bɔfo to dwom
Wɔ Wo nkonimdi mmae mu no,
Ma Wo nne no mfrɛ me mmra ofie nka sɛ:
ɔkwan wɔ Me nkyɛn ha ma wo.
Me koma bedi dɛw, 'Wura,
B're a Wobɛba 'bɛfrɛm' no.