Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #129

Hymn 129 Sɛnea Esii 'Nadwo Bi

[V1]
Sɛnea esii 'nadwo bi,
Awɔb're bi mu no,
ɔsoro hann abɔfo
Bɔɔ mu fii ase too dwom.

[V2]

Nguanhwɛfo bi a wɔada
Nyan hwɛɛ anuonyam no;
Wɔde 'hodw'ri gyinaa hɔ
Tiee abɔfo no asɛm.

[V3]

Wɔawo 'bofra ama mo
Wɔ mmoa adidibea;
Wɔwoo No 'hobrɛase mu,
ɔyɛ ɔdɔ Hen' Kronkron.

[V4]

Abɔfo a mufi s'ro,
Munnnyae mo dwonto da!
Anuonyam wɔ s'ros'ro hɔ
Dapem ne daapem nyinaa.

129. Sɛnea Esii 'Nadwo Bi

Link copied to clipboard successfully!