Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #122

Hymn 122 Tie! Abɔfo To Nnwom Sɛ

[V1]
Tie abɔfo to nnwom sɛ
'Nuonyam nka Hen' fof'ro no;
Asomdwoe nka asase;
Nyame ne bɔn'yefō abom;
Aman, momfa ah'rusi
Ne s'ro nto anigye nnwom
Ne abɔfokuw nteam sɛ
'Wɔawo Kristo Betlehem'.
Tie! Abɔfo to dwom sɛ
'Nuonyam nka Hen' fof'ro no.

[V2]

Kristo a s'ro ny'naa som No,
Kristo, daa Awurade;
Wɔawo Hen' mmoa 'didibea
B're a 'bɔfo to dwom sɛ;
'Somdwoe nka 'sase sofo,
Ma 'kra a wosųro nyɛ komm;
Kristo abɛtra fam ha,
Yesu, yɛn Immanuel.
Tie! Abɔfo to dwom sɛ
'Nuonyam nka Hen' fof'ro no.

[V3]

Mommɔ 'se mma 'Somdwoe Hen'!
Mommɔ Trenee Wia no 'se!
ɔde nkwa ne hann aba,
'Yar'sa wɔ Ne ntaban mu.
Ogyaa N'anuonyam wɔ s'ro,
Bae, sɛnea nnipa renwu.
ɔrebenyan nnipa mma
Ama wɔn awofof'ro.
Tie! Abɔfo to dwom sɛ
'Nuonyam nka Hen' fof'ro no

122. Tie! Abɔfo To Nnwom Sɛ

Link copied to clipboard successfully!