Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #123
Hymn 123 Sɛ Tetefo De 'Nigye
[V1]
Sɛ tetefo de 'nigye
Hwɛɛ ns'romma kwanky'rɛf no,
Sɛ wɔgyee ne hann 'nigyem,
Na ɛhyerɛn ky'rɛɛ wɔn kwan,
Saa na Aw'rade domfo,
Kyerɛ yɛn Wo nkyɛn kwan daa.
Sɛ tetefo de 'nigye
Hwɛɛ ns'romma kwanky'rɛf no,
Sɛ wɔgyee ne hann 'nigyem,
Na ɛhyerɛn ky'rɛɛ wɔn kwan,
Saa na Aw'rade domfo,
Kyerɛ yɛn Wo nkyɛn kwan daa.
[V2]
Sɛnea wɔde dɛw nantew
Kɔɔ W'ahobrɛase mpa ho,
Kobuu W'anim nkotodwe ɔ
Wo a s'ro ne fam som Wo;
Saa'ra na ma yɛmfa dɛw
Mmra Wo dom agua n'anim.
Sɛnea wɔde dɛw nantew
Kɔɔ W'ahobrɛase mpa ho,
Kobuu W'anim nkotodwe ɔ
Wo a s'ro ne fam som Wo;
Saa'ra na ma yɛmfa dɛw
Mmra Wo dom agua n'anim.
[V3]
Sɛ wɔde aboɔdenne
Brɛɛ Wo mmoa 'dididem' no,
Saa na ma yɛmfa 'nigye
Kronkron a bɔne bi nnim
Mfa yɛn ademude pa
Mmrɛ Wo Kristo, yɛn s'ro Hen'.
Sɛ wɔde aboɔdenne
Brɛɛ Wo mmoa 'dididem' no,
Saa na ma yɛmfa 'nigye
Kronkron a bɔne bi nnim
Mfa yɛn ademude pa
Mmrɛ Wo Kristo, yɛn s'ro Hen'.
[V4]
Yesu Kronkron, da biara
Fa vɛn fa kwan hihiaa nom'.
Na sɛ fam nneɛma twam a,
Fa 'kra a wɔagye wɔn bra
Nea ns'romma kwanky'rɛfo nhia,
Na 'wisiw nsɛe W'anuonyam.
Yesu Kronkron, da biara
Fa vɛn fa kwan hihiaa nom'.
Na sɛ fam nneɛma twam a,
Fa 'kra a wɔagye wɔn bra
Nea ns'romma kwanky'rɛfo nhia,
Na 'wisiw nsɛe W'anuonyam.