Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #83

Hymn 83 Omonsom Hen' No, S'ro

[V1]
O monsom Hen' no, s'ro 'nuonyamfo no,
Na monto N'anwanwa dɔ no ho dwom;
Yɛn kyɛm, yɛn Gyefo, Nea Ne nna akyɛ no,
'Nuonyam di N' barehyia, 'yeyi bɔ N'asen.

[V2]

Ka Ne tum' ho nsɛm, to Ne dom ho dwom,
N'atade ne hann, 'wim kata No so;
Aprannaa, suwisiw ne Ne teaseɛnam,
Esum ne Ne kwan wɔ mframa ntaban so.

[V3]

W'ayamye kɛse n', hena tumi ka?
Ahyɛ wim ma na ɛhy'rɛn wɔ hann mu;
Epue nkoko so, pem gu 'saseta so,
Na ɛdan bosu ne nsu a ɛyɛ dɛ.

[V4]

Mɔfutuma mma, yenni ahoɔden,
Yɛtwere Wo nko, b'ribi mmu W'abam',
Wo mmɔb'rɔhunu ase tim kosi daa,
Wone yɛn Bɔfo, Gyefo, ne yɛn Yɔnko.

83. Omonsom Hen' No, S'ro

Link copied to clipboard successfully!