Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #84

Hymn 84 Nyankopɔn Tweaduampɔn

[V1]
Nyankopɔn Tweaduampɔn! ɔhen' a ahum
Di W'anim na aprannaa yɛ W'afoa;
Ky'rɛ W'ahummɔb'rɔ s'ro, nea Wudi hen' hɔ,
Ma yɛn 'somdwoe, O, 'W'ra mmɔb'rɔhun'fo.

[V2]

Nyankopɔn mmɔb'rɔhunfo! 'sase apo
Wo mm'ra kronkron, atiatia W'asɛm so;
Mma W'abufuw a ɛyɛ hu no nnsɔre;
Ma yɛn 'somdwoe, O, 'W'ra mmɔb'rɔhunfo.

[V3]

Nyankopɔn treneeni! 'nipa apo Wo;
Nanso W'asɛm tim hɔ kosi daapem;
Atorɔ ne mfomso ntumi ne Wo ntra;
Hy'ra 'treneeni, O, 'W'ra mmɔb'rɔhun'fo.

[V4]

Enti yɛde aseda som bɛbɛ Wo,
Sɛ Woagye yɛn afi mmusu nyinaam';
Yɛbɛto dwom fi mpoano 'kosi mpoano,
Wo na tumi ne 'nuonyam wɔ Wo, 'W'ra.

84. Nyankopɔn Tweaduampɔn

Link copied to clipboard successfully!