Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #82

Hymn 82 Yehowa 'Hengua No Anim

[V1]
Yehowa 'hengua no anim,
Aman nkoto no anigyem';
Munhu sɛ 'No nko ne Nyame:
Otum' bɔ ade, n'Csɛe no nso.

[V2]

N'ahentumi no yɛn mmoa nnim;
ɔde dɔte bɔɔ yɛn nnipa;
Na yɛte sɛ nguan a wɔay'ra,
ɔde yɛn baa Ne nguankuwm' bio.

[V3]

Yɛbɛto Ne fie 'seda dwom,
Yɛbɛma yɛn nne so soro;
'Sase ne tɛkrɛma mpem du
Bɛto Ne fie ayeyi dwom.

[V4]

N'ahyɛde mu bae sɛ wiase;
Ne dɔ so fi tete nt'rede;
Ne nokwar' tim sɛ botantim,
Na mmere de, 'betwam akɔ.

82. Yehowa 'Hengua No Anim

Link copied to clipboard successfully!