Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #65

Hymn 65 Nyame Ne Wo Ntra

[V1]
Nyame ne wo ntra, yebehyiam bio;
N'afotu nky'rɛw' kwan mma wo so,
ɔmmaw' banbɔ Ne nguankuw mu:
Nyame ne wo ntra, yebehyiam bio.

**Nnyeso**
Yebehyiam, yebehyiam ( biɔo)
Yebehyiam Yesu nan ase
Yebehyiam, yebehyiam ( biɔo)
Nyame ne wo ntra, yebehyiam bio.

[V2]

Nyame ne wo ntra, yebehyiam bio,
ɔmfaw' nsie Ne ntaban ase,
ɔmma wo mana da biara,
Nyame ne wo ntra yebehyiam bio.

[V3]

Nyame ne wo ntra, yebehyiam bio,
ɔbram' haw twa wo ho hyia a,
ɔmfa Ne basa nwowaw wo:
Nyame ne wo ntra yebehyiam bio.

[V4]

Nyame ne wo ntra, yebehyiam bio,
Onhim ɔdɔ frankaa wo so
Nyi owu 's'rɔkye mfi w'anim;
Nyame ne wo ntra, yebehyiam bio.

65. Nyame Ne Wo Ntra

Link copied to clipboard successfully!